Native Bible

Song of Songs 7:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wo funuma yɛ kuruwa a ɛnni nsa a nsã pa wɔ mu ɛberɛ biara. Wo sisi yɛ atokoɔ a wɔaboa ano na sukooko atwa ho ahyia.

Song of Songs 7:2 in English

Song of Songs 7:2 · Berean Standard Bible

Your navel is a rounded goblet; it never lacks blended wine. Your waist is a mound of wheat encircled by the lilies.

Context

1Wo nan ne mpaboa yɛ fɛ, Ao, ɔdehyeɛ babaa! Wʼanantuo a wogyina so te sɛ abohemaa, odwumfoɔ nsa ano adwuma. 2Wo funuma yɛ kuruwa a ɛnni nsa a nsã pa wɔ mu ɛberɛ biara. Wo sisi yɛ atokoɔ a wɔaboa ano na sukooko atwa ho ahyia. 3Wo nufu te sɛ aforoteɛ mma mmienu, adabɔ mma ntafoɔ. 4Wo kɔn te sɛ asonse abantenten. Wʼaniwa aba te sɛ Hesbon ntadeɛ a ɛwɔ Bat Rabim ɛpono nkyɛn. Wo hwene te sɛ Lebanon abantenten a ɛkyerɛ Damasko no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.