Native Bible

Romans 6:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ a na moyɛ bɔne nkoa no, na teneneeyɛ nni mo so tumi.

Romans 6:20 in English

Romans 6:20 · Berean Standard Bible

For when you were slaves to sin, you were free of obligation to righteousness.

Context

18Wɔagye mo afiri bɔne mu ma moabɛyɛ nkoa ama tenenee. 19Esiane mo nipasu enti, mede nkoasom ho mfonitwa reboa mo ama moate yeinom nyinaa ase. Sɛdeɛ mmerɛ bi mode mo ho nyinaa maeɛ sɛ afideɛ ne amumuyɛsɛm nkoa no, afei deɛ momfa nyɛ nkoa mma tenenee nkɔ kronkronyɛ mu. 20Ɛberɛ a na moyɛ bɔne nkoa no, na teneneeyɛ nni mo so tumi. 21Moyɛɛ nneɛma a afei deɛ mo ani wu wɔ ho no, mfasoɔ bɛn na monyaeɛ? Deɛ ɛkɔwieɛ ne owuo. 22Nanso, seesei wɔagye mo afiri owuo mu ama moabɛyɛ Onyankopɔn nkoa. Mfasoɔ a monya wɔ mu no kɔ kronkronyɛ mu, na deɛ ɛfiri mu ba yɛ nkwa a ɛnni awieeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.