Native Bible

Romans 6:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔagye mo afiri bɔne mu ma moabɛyɛ nkoa ama tenenee.

Romans 6:18 in English

Romans 6:18 · Berean Standard Bible

You have been set free from sin and have become slaves to righteousness.

Context

16Monnim sɛ, deɛ motie no ara na ne nkoa ne mo anaa? Sɛ ɛyɛ bɔne a ɛde kɔ owuo mu, anaasɛ ɔsetie a ɛde kɔ tenenee mu. 17Nanso, yɛda Onyankopɔn ase! Ɛfiri sɛ, berɛ bi a atwam no a na moyɛ bɔne nkoa no, mode mo akoma nyinaa tiee nkyerɛkyerɛ a wɔde maa mo no. 18Wɔagye mo afiri bɔne mu ma moabɛyɛ nkoa ama tenenee. 19Esiane mo nipasu enti, mede nkoasom ho mfonitwa reboa mo ama moate yeinom nyinaa ase. Sɛdeɛ mmerɛ bi mode mo ho nyinaa maeɛ sɛ afideɛ ne amumuyɛsɛm nkoa no, afei deɛ momfa nyɛ nkoa mma tenenee nkɔ kronkronyɛ mu. 20Ɛberɛ a na moyɛ bɔne nkoa no, na teneneeyɛ nni mo so tumi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.