Romafoɔ 3:8
Romans 3:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ebinom nso bɛka sɛ, “Ɛnneɛ momma yɛnyɛ bɔne sɛdeɛ biribi pa bɛfiri mu aba!” Nnipa bi mpo ka sɛ saa asɛm yi na yɛka. Onyankopɔn bɛbu wɔn atɛn.
Romans 3:8 in English
Romans 3:8 · Berean Standard Bible
Why not say, as some slanderously claim that we say, “Let us do evil that good may result”? Their condemnation is deserved!
Context
6Dabi! Sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔteneneeni a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi abu ewiase atɛn? 7Obi bɛgye akyinnyeɛ aka sɛ, “Sɛ me nkontompo ma Onyankopɔn nokorɛ da adi na nʼanimuonyam boro so a, ɛnneɛ adɛn enti na Onyankopɔn bu me fɔ sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ?” 8Ebinom nso bɛka sɛ, “Ɛnneɛ momma yɛnyɛ bɔne sɛdeɛ biribi pa bɛfiri mu aba!” Nnipa bi mpo ka sɛ saa asɛm yi na yɛka. Onyankopɔn bɛbu wɔn atɛn. 9Ɛnneɛ, ɛdeɛn na yɛnka? Yɛn Yudafoɔ yɛ nnipa sene amanamanmufoɔ no anaa? Ɛnte saa! Makyerɛ mu dada sɛ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ nyinaa yɛ pɛ wɔ bɔne tumi ase. 10Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ,
“Obiara nyɛ ɔteneneeni;
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.