Romafoɔ 3:10
Romans 3:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara nyɛ ɔteneneeni;
Romans 3:10 in English
Romans 3:10 · Berean Standard Bible
As it is written: “There is no one righteous, not even one.
Context
8Ebinom nso bɛka sɛ, “Ɛnneɛ momma yɛnyɛ bɔne sɛdeɛ biribi pa bɛfiri mu aba!” Nnipa bi mpo ka sɛ saa asɛm yi na yɛka. Onyankopɔn bɛbu wɔn atɛn. 9Ɛnneɛ, ɛdeɛn na yɛnka? Yɛn Yudafoɔ yɛ nnipa sene amanamanmufoɔ no anaa? Ɛnte saa! Makyerɛ mu dada sɛ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ nyinaa yɛ pɛ wɔ bɔne tumi ase. 10Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ,
“Obiara nyɛ ɔteneneeni; 11obiara nyɛ ɔbadwemma;
na obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyiri kwan. 12Nnipa nyinaa atwe wɔn ho afiri Onyankopɔn ho;
wɔn nyinaa ayɛ bɔne.
Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa.
Ɔbaako mpo nni hɔ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.