Native Bible

Romans 16:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mekyea Apele a ne Kristosom mu nokorɛ ada adi no, Mekyea Aristobulo abusuafoɔ nyinaa.

Romans 16:10 in English

Romans 16:10 · Berean Standard Bible

Greet Apelles, who is approved in Christ. Greet those who belong to the household of Aristobulus.

Context

8Mekyea mʼAwurade mu dɔfo Amplia. 9Mekyea Ubano a yɛne no someeɛ wɔ Kristo mu. Saa ara nso na mekyea mʼadamfo pa Staki. 10Mekyea Apele a ne Kristosom mu nokorɛ ada adi no, Mekyea Aristobulo abusuafoɔ nyinaa. 11Mekyea me kuromni Yudani Herodion ne ne nuanom Akristofoɔ a wɔfiri Narkiso fie. 12Mekyea Trifaina ne Trifosa mmaa a wɔbɔ Awurade som mu mmɔden no. Saa ara nso na mekyea mʼadamfo Persi a ɔno nso yɛ ɔbaa a wabɔ mmɔden aboa Awurade som no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.