Native Bible

Romans 16:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mekyea Trifaina ne Trifosa mmaa a wɔbɔ Awurade som mu mmɔden no. Saa ara nso na mekyea mʼadamfo Persi a ɔno nso yɛ ɔbaa a wabɔ mmɔden aboa Awurade som no.

Romans 16:12 in English

Romans 16:12 · Berean Standard Bible

Greet Tryphena and Tryphosa, women who have worked hard in the Lord. Greet my beloved Persis, who has worked very hard in the Lord.

Context

10Mekyea Apele a ne Kristosom mu nokorɛ ada adi no, Mekyea Aristobulo abusuafoɔ nyinaa. 11Mekyea me kuromni Yudani Herodion ne ne nuanom Akristofoɔ a wɔfiri Narkiso fie. 12Mekyea Trifaina ne Trifosa mmaa a wɔbɔ Awurade som mu mmɔden no. Saa ara nso na mekyea mʼadamfo Persi a ɔno nso yɛ ɔbaa a wabɔ mmɔden aboa Awurade som no. 13Mekyea Rufo a wadi dwuma kɛseɛ Awurade som mu no. Mekyea Rufo maame a ɔfaa me sɛ ne ba no nso. 14Mekyea Asinkrito, Flegon, Herme, Patroba, Herma, ne anuanom Akristofoɔ a wɔka wɔn ho nyinaa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.