Romafoɔ 12:14
Romans 12:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Monhyira wɔn a wɔtaa mo no; Monhyira wɔn na monnnome wɔn.
Romans 12:14 in English
Romans 12:14 · Berean Standard Bible
Bless those who persecute you. Bless and do not curse.
Context
12Monnya anidasoɔ mu anigyeɛ, amanehunu mu boasetɔ, na momfa gyidie mmɔ mpaeɛ. 13Mone Onyankopɔn nkurɔfoɔ a ahia wɔn no nkyɛ deɛ mo wɔ. Mommɔ ahɔhosom ho mmɔden. 14Monhyira wɔn a wɔtaa mo no; Monhyira wɔn na monnnome wɔn. 15Mo ne anigyefoɔ ani nnye, na mo ne asufoɔ nsu. 16Mo ne afoforɔ ntena asomdwoeɛ mu. Monnyɛ ahantan, na mmom momfa mo ho mmɔ mmɔborɔfoɔ. Mommmu mo ho anyansafoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.