Adiyisɛm 9:8
Revelation 9:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn tirinwi te sɛ mmaa tirinwi, ɛnna wɔn se nso te sɛ gyata se.
Revelation 9:8 in English
Revelation 9:8 · Berean Standard Bible
They had hair like that of women, and teeth like those of lions.
Context
6Saa abosome enum no mu no, saa nnipa no bɛpere owuo, nanso wɔrennya. Wɔbɛpɛ sɛ wɔwu, nanso owuo bɛdwane afiri wɔn nkyɛn. 7Mmoadabi no te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn ama ɔko. Wɔwɔ biribi te sɛ sikakɔkɔɔ ahenkyɛ hyɛ wɔn ti. Na wɔn anim te sɛ nnipa anim. 8Wɔn tirinwi te sɛ mmaa tirinwi, ɛnna wɔn se nso te sɛ gyata se. 9Wɔde biribi te sɛ dadeɛ nkataboɔ akatakata wɔn bo. Na nnyegyeeɛ a wɔn ntaban yɛ no te sɛ apɔnkɔ bebree a wɔretwe nteaseɛnam akɔ ɔko. 10Wɔwɔ borɔ dua te sɛ anyanyankyerɛ. Na wɔn dua no enti na na wɔwɔ tumi a wɔde ha nnipa abosome enum no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.