Native Bible

Revelation 7:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sukɔm renne wɔn bio; ɛkɔm renne wɔn bio. Owia anaa ɔhyew biara renhye wɔn bio.

Revelation 7:16 in English

Revelation 7:16 · Berean Standard Bible

‘Never again will they hunger, and never will they thirst; nor will the sun beat down upon them, nor any scorching heat.’*

Context

14Mebuaa sɛ, “Mennim, owura. Na wo na wonim.” Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yeinom ne wɔn a wɔafiri ɔtaa mu. Wɔde Odwammaa no mogya ahoro wɔn ntadeɛ ama ayɛ fitaa. 15Na ɛno enti na, “wɔgyina Onyankopɔn ahennwa anim a wɔresom awia ne anadwo wɔ ne hyiadan mu yi. Deɛ ɔbɛtena ahennwa no so no bɛbɔ wɔn ho ban. 16Sukɔm renne wɔn bio; ɛkɔm renne wɔn bio. Owia anaa ɔhyew biara renhye wɔn bio. 17Ɛfiri sɛ, Odwammaa no a ɔwɔ ahennwa no mfimfini no bɛyɛ wɔn dwanhwɛfoɔ de wɔn akɔ nkwa asutire ho. Na Onyankopɔn bɛpepa wɔn aniwa mu nisuo nyinaa.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.