Adiyisɛm 2:19
Revelation 2:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Menim deɛ woyɛ. Menim wo dɔ, wo gyidie, wo som ne boasetɔ a wowɔ. Menim sɛ woreyɛ adwuma sene kane no.
Revelation 2:19 in English
Revelation 2:19 · Berean Standard Bible
I know your deeds—your love, your faith, your service, your perseverance—and your latter deeds are greater than your first.
Context
17Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no. Mo a moadi nkonim no, mɛma mo mana a ahinta no bi. Afei, mɛma wɔn mu biara ɛboɔ fitaa a wɔatwerɛ din foforɔ wɔ so a obiara nnim, gye onipa a wɔde bɛma no no. 18“Twerɛ krataa kɔma ɔbɔfoɔ a ɔwɔ Tiatira asafo mu sɛ:
Yei ne asɛm a ɛfiri Onyankopɔn Ba no a nʼani dɛre sɛ ogyaframa a ne nan ase hyerɛn sɛ ayowaa no nkyɛn. 19Menim deɛ woyɛ. Menim wo dɔ, wo gyidie, wo som ne boasetɔ a wowɔ. Menim sɛ woreyɛ adwuma sene kane no. 20Nanso deɛ mewɔ tia wo ne sɛ, wogyee ɔbaa bi a ne din de Isabel, a ɔfrɛ ne ho, Onyankopɔn odiyifoɔ no too mu. Saa ɔbaa yi kyerɛkyerɛ, na ɔdi mʼasomafoɔ anim ma wɔbɔ adwaman di abosom aduane. 21Mama no ɛberɛ sɛ ɔnnu ne ho mfiri ne bɔne mu, nanso ɔmpɛ sɛ ɔsakyera firi nʼadwamammɔ mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.