Adiyisɛm 2:18
Revelation 2:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Twerɛ krataa kɔma ɔbɔfoɔ a ɔwɔ Tiatira asafo mu sɛ: Yei ne asɛm a ɛfiri Onyankopɔn Ba no a nʼani dɛre sɛ ogyaframa a ne nan ase hyerɛn sɛ ayowaa no nkyɛn.
Revelation 2:18 in English
Revelation 2:18 · Berean Standard Bible
To the angel of the church in Thyatira write: These are the words of the Son of God, whose eyes are like a blazing fire and whose feet are like polished bronze.
Context
16Twe wo ho firi wo bɔne ho. Anyɛ saa a, ɛrenkyɛre biara mɛba wo nkyɛn, na mede sekan a ɛfiri mʼanom no abɛko atia saa nnipa no. 17Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no. Mo a moadi nkonim no, mɛma mo mana a ahinta no bi. Afei, mɛma wɔn mu biara ɛboɔ fitaa a wɔatwerɛ din foforɔ wɔ so a obiara nnim, gye onipa a wɔde bɛma no no. 18“Twerɛ krataa kɔma ɔbɔfoɔ a ɔwɔ Tiatira asafo mu sɛ:
Yei ne asɛm a ɛfiri Onyankopɔn Ba no a nʼani dɛre sɛ ogyaframa a ne nan ase hyerɛn sɛ ayowaa no nkyɛn. 19Menim deɛ woyɛ. Menim wo dɔ, wo gyidie, wo som ne boasetɔ a wowɔ. Menim sɛ woreyɛ adwuma sene kane no. 20Nanso deɛ mewɔ tia wo ne sɛ, wogyee ɔbaa bi a ne din de Isabel, a ɔfrɛ ne ho, Onyankopɔn odiyifoɔ no too mu. Saa ɔbaa yi kyerɛkyerɛ, na ɔdi mʼasomafoɔ anim ma wɔbɔ adwaman di abosom aduane.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.