Adiyisɛm 18:4
Revelation 18:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, metee nne foforɔ bi a ɛfiri ɔsoro ka sɛ, “Momfiri, me nkurɔfoɔ, na moamfa mo ho amfra bɔne a ɔyɛ no mu, na mo ne no ankyɛre nʼasotweɛ!
Revelation 18:4 in English
Revelation 18:4 · Berean Standard Bible
Then I heard another voice from heaven say: “Come out of her, My people,* so that you will not share in her sins or contract any of her plagues.
Context
2Ɔteaam dendeenden sɛ,
“ ‘Wahwe ase! Babilonia kɛseɛ ahwe ase!’
Adane ahonhommɔne tenaberɛ
ne ahonhom efi nyinaa atɛeɛ.
Nnomaa a wɔyɛ efi a wɔkyiri wɔn nyinaa te ne mu. 3Ɔde ne nsã a ɛyɛ nʼadwamammɔ a
ano yɛ den no maa nnipa nyinaa nomeeɛ.
Asase so ahene ne no bɔɔ adwaman,
na asase so adwadifoɔ nam nʼahonya mmorosoɔ so nyaa wɔn ho.” 4Afei, metee nne foforɔ bi a ɛfiri ɔsoro ka sɛ,
“Momfiri, me nkurɔfoɔ,
na moamfa mo ho amfra bɔne a ɔyɛ no mu,
na mo ne no ankyɛre nʼasotweɛ! 5Ɛfiri sɛ, wɔahyehyɛ ne bɔne atoatoa abɛduru soro,
na Onyankopɔn akae nʼawudie no. 6Sɛdeɛ ɔyɛɛ mo no, monyɛ no saa pɛpɛɛpɛ;
deɛ ɔyɛɛ mo biara no, montua ne so ka mprenu.
Nsa a ɔde maa mo no, monhyɛ no deɛ ano yɛ den mmɔho mmienu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.