Adiyisɛm 11:15
Revelation 11:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson hyɛnee ne totorobɛnto, na nne denden wɔ ɔsoro kaa sɛ, “Tumi a wɔde di ewiase so seesei no yɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no dea, na ɔbɛdi ɔhene daa daa.”
Revelation 11:15 in English
Revelation 11:15 · Berean Standard Bible
Then the seventh angel sounded his trumpet, and loud voices called out in heaven: “The kingdom of the world has become the kingdom of our Lord and of His Christ, and He will reign forever and ever.”
Context
13Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, asase wosoo dendeenden. Kuro no nkyɛmu edu mu baako sɛeɛ, na nnipa mpemnson wuwuiɛ wɔ asasewosoɔ no mu. Nnipa a wɔaka no bɔɔ hu na wɔkamfoo Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsoro no kɛseyɛ. 14Ɔhaw a ɛtɔ so mmienu no atwa, nanso hwɛ, ɛrenkyɛre na ɔhaw a ɛtɔ so mmiɛnsa aba. 15Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson hyɛnee ne totorobɛnto, na nne denden wɔ ɔsoro kaa sɛ,
“Tumi a wɔde di ewiase so seesei no
yɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no dea,
na ɔbɛdi ɔhene daa daa.” 16Afei, mpanimfoɔ aduonu ɛnan a wɔte wɔn ahennwa so Onyankopɔn anim no de wɔn anim butubutu fam, somm Onyankopɔn, 17kaa sɛ,
“Yɛda wo ase, Otumfoɔ Onyankopɔn,
wo a wowɔ hɔ na wowɔ hɔ dada,
sɛ woafa wo tumi kɛseɛ,
na wahyɛ aseɛ redi ɔhene.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.