Adiyisɛm 11:16
Revelation 11:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, mpanimfoɔ aduonu ɛnan a wɔte wɔn ahennwa so Onyankopɔn anim no de wɔn anim butubutu fam, somm Onyankopɔn,
Revelation 11:16 in English
Revelation 11:16 · Berean Standard Bible
And the twenty-four elders who sit on their thrones before God fell on their faces and worshiped God,
Context
14Ɔhaw a ɛtɔ so mmienu no atwa, nanso hwɛ, ɛrenkyɛre na ɔhaw a ɛtɔ so mmiɛnsa aba. 15Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson hyɛnee ne totorobɛnto, na nne denden wɔ ɔsoro kaa sɛ,
“Tumi a wɔde di ewiase so seesei no
yɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no dea,
na ɔbɛdi ɔhene daa daa.” 16Afei, mpanimfoɔ aduonu ɛnan a wɔte wɔn ahennwa so Onyankopɔn anim no de wɔn anim butubutu fam, somm Onyankopɔn, 17kaa sɛ,
“Yɛda wo ase, Otumfoɔ Onyankopɔn,
wo a wowɔ hɔ na wowɔ hɔ dada,
sɛ woafa wo tumi kɛseɛ,
na wahyɛ aseɛ redi ɔhene. 18Amanaman no bo fuiɛ,
ɛfiri sɛ wʼabofuo berɛ no aduru
a ɛsɛ sɛ wɔbu awufoɔ atɛn.
Ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wobɔ wo nkoa adiyifoɔ no aba so
ne wo nkurɔfoɔ a wɔdi wo din ni no,
akɛseɛ ne nketewa.
Ɛberɛ aduru sɛ wosɛe wɔn a wɔsɛee asase no!”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.