Nnwom 94:6
Psalms 94:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔkunkumm akunafoɔ ne amanfrafoɔ; na wɔdi nwisiaa awu.
Psalms 94:6 in English
Psalms 94:6 · Berean Standard Bible
They kill the widow and the foreigner; they murder the fatherless.
Context
4Wɔkasa ahantan so;
ahohoahoa ahyɛ abɔnefoɔ nyinaa ma. 5Ao Awurade, wɔdwerɛ wo nkurɔfoɔ;
wɔhyɛ wʼagyapadeɛ so. 6Wɔkunkumm akunafoɔ ne amanfrafoɔ;
na wɔdi nwisiaa awu. 7Wɔka sɛ, “Awurade nhunu,
Yakob Onyankopɔn ayi nʼani.” 8Monhwɛ yie, mo agyimifoɔ a mowɔ nnipa no mu;
nkwaseafoɔ, da bɛn na mobɛhunu nyansa?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.