Native Bible

Psalms 9:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Woatwe amanaman no aso, na woasɛe amumuyɛfoɔ. Woapepa wɔn din a wɔrenkae wɔn bio.

Psalms 9:5 in English

Psalms 9:5 · Berean Standard Bible

You have rebuked the nations; You have destroyed the wicked; You have erased their name forever and ever.

Context

3Mʼatamfoɔ sane wɔn akyi; wɔtete hwe, na wɔwuwu wɔ wʼanim. 4Woadi mʼasɛm ama me, na mɛnya mʼahofadie; woatena wʼahennwa so, abu atɛntenenee. 5Woatwe amanaman no aso, na woasɛe amumuyɛfoɔ. Woapepa wɔn din a wɔrenkae wɔn bio. 6Ɔsɛeɛ a ɛnni awieeɛ ato ɔtamfoɔ no, woatutu wɔn nkuropɔn; na wɔnnkae wɔn bio mpo. 7Awurade di ɔhene daa daa; wasi nʼatemmuo ahennwa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.