Nnwom 9:2
Psalms 9:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mɛma mʼani agye na madi ahurisie wɔ wo mu. Mɛto ayɛyie dwom ama wo din, Ao Ɔsorosoroni.
Psalms 9:2 in English
Psalms 9:2 · Berean Standard Bible
I will be glad and rejoice in You; I will sing praise to Your name, O Most High.
Context
1Ao Awurade, mefiri mʼakoma nyinaa mu mekamfo wo.
Mɛka wʼanwanwadeɛ no nyinaa. 2Mɛma mʼani agye na madi ahurisie wɔ wo mu.
Mɛto ayɛyie dwom ama wo din, Ao Ɔsorosoroni. 3Mʼatamfoɔ sane wɔn akyi;
wɔtete hwe, na wɔwuwu wɔ wʼanim. 4Woadi mʼasɛm ama me, na mɛnya mʼahofadie;
woatena wʼahennwa so, abu atɛntenenee.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.