Nnwom 9:17
Psalms 9:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Amumuyɛfoɔ sane kɔ damena mu, amanaman a wɔn werɛ firi Onyankopɔn nyinaa.
Psalms 9:17 in English
Psalms 9:17 · Berean Standard Bible
The wicked will return to Sheol— all the nations who forget God.
Context
15Aman amanmufoɔ atɔ amena a wɔatu no mu;
afidie a wɔsum hintaaeɛ no ayi wɔn nan. 16Awurade atɛntenenee da no adi;
amumuyɛfoɔ nsa ano adwuma ayi wɔn. 17Amumuyɛfoɔ sane kɔ damena mu,
amanaman a wɔn werɛ firi Onyankopɔn nyinaa. 18Nanso ɛnyɛ daa na ne werɛ bɛfiri ohiani,
anaa sɛ mmɔborɔni anidasoɔ bɛyera korakora. 19Sɔre! Ao Awurade, mma ɔdasani nni nkonim,
bu amanaman no atɛn wɔ wʼanim.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.