Nnwom 89:6
Psalms 89:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na hwan na ɔne wo Awurade sɛ wɔ ɔsoro hɔ? Hwan na ɔte sɛ Awurade wɔ ɔsoro abɔdeɛ mu?
Psalms 89:6 in English
Psalms 89:6 · Berean Standard Bible
For who in the skies can compare with the LORD? Who among the heavenly beings * is like the LORD?
Context
4‘Mɛma wʼase atim hɔ daa
na wʼahennwa nso atim wɔ awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa mu.’ ” 5Ao Awurade, ɔsorosorofoɔ kamfo wʼanwanwadeɛ,
na wo nokorɛdie nso, wɔkamfo wɔ ahotefoɔ asafo mu. 6Na hwan na ɔne wo Awurade sɛ wɔ ɔsoro hɔ?
Hwan na ɔte sɛ Awurade wɔ ɔsoro abɔdeɛ mu? 7Akronkronfoɔ agyinatufoɔ mu, wosuro Onyankopɔn;
wɔde suro ma no sene wɔn a wotwa ne ho hyia nyinaa. 8Ao Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn, hwan na ɔte sɛ woɔ?
Ao Awurade woyɛ kɛseɛ na wo nokorɛdie atwa wo ho ahyia.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.