Nnwom 89:30
Psalms 89:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Sɛ ne mmammarima po me mmara na sɛ wɔanni mʼahyɛdeɛ so,
Psalms 89:30 in English
Psalms 89:30 · Berean Standard Bible
If his sons forsake My law and do not walk in My judgments,
Context
28Mɛma mʼadɔeɛ a mewɔ ma no no atena hɔ daa,
na apam a me ne no ayɛ nso bɛtena hɔ daa. 29Mɛma nʼase atim afebɔɔ,
nʼahennwa nso bɛtim hɔ akɔsi sɛ ɔsoro bɛtwam. 30“Sɛ ne mmammarima po me mmara
na sɛ wɔanni mʼahyɛdeɛ so, 31sɛ wɔbu mʼahyɛdeɛ so
na sɛ wɔanni me ɔhyɛ nsɛm so a, 32ɛno deɛ, mede abaa bɛtwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho
na wɔn amumuyɛ nso mede mmaatwa atwe wɔn aso;
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.