Nnwom 86:3
Psalms 86:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao Awurade, hunu me mmɔbɔ, na mesu frɛ wo daa nyinaa.
Psalms 86:3 in English
Psalms 86:3 · Berean Standard Bible
Be merciful to me, O Lord, for I call to You all day long.
Context
1Ao Awurade, tie me na gye me so,
ɛfiri sɛ meyɛ ohiani ne mmɔborɔni. 2Bɔ me nkwa ho ban, ɛfiri sɛ mede me ho ama wo.
Wone me Onyankopɔn, gye wʼakoa a
ɔde ne ho to wo so. 3Ao Awurade, hunu me mmɔbɔ,
na mesu frɛ wo daa nyinaa. 4Ma wʼakoa ani nnye,
na wo Awurade, wo nkyɛn
na mema me kra so ba. 5Ao Awurade, woyɛ, na wode bɔne kyɛ,
wowɔ ɔdɔ mmorosoɔ ma wɔn a wɔsu frɛ wo nyinaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.