Native Bible

Psalms 83:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

saa ara na fa wʼahum taa wɔn na fa wo mframa a ano yɛ den no hunahuna wɔn.

Psalms 83:15 in English

Psalms 83:15 · Berean Standard Bible

so pursue them with Your tempest, and terrify them with Your storm.

Context

13Ao me Onyankopɔn, yɛ wɔn sɛ twahoframa mu mfuturo, sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ guo. 14Sɛdeɛ ogya hye kwaeɛ, na ogyaframa sɔ nkokoɔ mu hye no no, 15saa ara na fa wʼahum taa wɔn na fa wo mframa a ano yɛ den no hunahuna wɔn. 16Ma animguaseɛ nka wɔn, na ama nnipa apɛ wo din akyiri ɛkwan, Ao Awurade. 17Ma wɔn anim ngu ase na wɔn abasa mu ntu; ma wɔnwuwu wɔ animguaseɛ mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.