Nnwom 80:16
Psalms 80:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔatwa wo bobe no ato fam, ato mu ogya ama ahye; wʼanimka ma wo nkurɔfoɔ ase tɔre.
Psalms 80:16 in English
Psalms 80:16 · Berean Standard Bible
Your vine has been cut down and burned; they perish at the rebuke of Your countenance.
Context
14Ao Otumfoɔ Onyankopɔn, sane bra yɛn nkyɛn!
Firi soro hɔ hwɛ na wobɛhunu!
Hwɛ saa bobe yi so, 15ntini a wo nsa nifa adua no,
ɔbabarima a woatete no ama wo ho no. 16Wɔatwa wo bobe no ato fam, ato mu ogya ama ahye;
wʼanimka ma wo nkurɔfoɔ ase tɔre. 17Fa wo nsa kata ɔbarima a ɔwɔ wo nifa no so,
onipa ba a woatete no ama wo ho no. 18Afei yɛrentwe yɛn ho mfiri wo nkyɛn;
kanyane yɛn, na yɛbɛbɔ wo din.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.