Nnwom 80:14
Psalms 80:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao Otumfoɔ Onyankopɔn, sane bra yɛn nkyɛn! Firi soro hɔ hwɛ na wobɛhunu! Hwɛ saa bobe yi so,
Psalms 80:14 in English
Psalms 80:14 · Berean Standard Bible
Return, O God of Hosts, we pray! Look down from heaven and see! Attend to this vine—
Context
12Adɛn enti na woabubu nʼafasuo
ama wɔn a wɔtwam hɔ tete ne bobe aba no? 13Kɔkɔte firi wiram bɛsɛe no pasaa
na mmoadoma a ɛwɔ ɛserɛ so de yɛ wɔn aduane. 14Ao Otumfoɔ Onyankopɔn, sane bra yɛn nkyɛn!
Firi soro hɔ hwɛ na wobɛhunu!
Hwɛ saa bobe yi so, 15ntini a wo nsa nifa adua no,
ɔbabarima a woatete no ama wo ho no. 16Wɔatwa wo bobe no ato fam, ato mu ogya ama ahye;
wʼanimka ma wo nkurɔfoɔ ase tɔre.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.