Nnwom 8:3
Psalms 8:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ mehwɛ wo soro, wo nsateaa ano adwuma; ɔsrane ne nsoromma a wode obiara asi nʼafa a,
Psalms 8:3 in English
Psalms 8:3 · Berean Standard Bible
When I behold Your heavens, the work of Your fingers, the moon and the stars, which You have set in place—
Context
1Ao Awurade, yɛn Awurade,
wo din kɛseyɛ ada adi ewiase afanan nyinaa.
Wode wʼanimuonyam
atimtim ɔsoro nohoa, 2mmɔfra ne nkɔkoaa mpo de wɔn ano
kamfo wo, wʼatamfoɔ nti;
na wode bɔ atamfoɔ ne weretɔfoɔ ano. 3Sɛ mehwɛ wo soro,
wo nsateaa ano adwuma;
ɔsrane ne nsoromma a
wode obiara asi nʼafa a, 4onipa ne hwan a wokae no,
na onipa ba nso ne hwan a wʼani ku ne ho? 5Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sene abɔfoɔ
na wode wʼanimuonyam ne anidie abɔ no abotire.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.