Native Bible

Psalms 78:45 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔmaa nwansenadɔm baa wɔn so bɛhaa wɔn na mponkyerɛne nso bɛsɛee wɔn asase.

Psalms 78:45 in English

Psalms 78:45 · Berean Standard Bible

He sent swarms of flies that devoured them, and frogs that devastated them.

Context

43ɛda a ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ nwanwasoɔ wɔ Misraim no ne nʼanwanwadeɛ wɔ Soan mantam mu no. 44Ɔmaa wɔn nsubɔntene danee mogya; wɔantumi annom wɔn asutene mu nsuo. 45Ɔmaa nwansenadɔm baa wɔn so bɛhaa wɔn na mponkyerɛne nso bɛsɛee wɔn asase. 46Ɔmaa mmɛbɛ bɛdii wɔn mfuo so aduane na ɔde wɔn mfudeɛ nso maa ntutummɛ. 47Ɔde asukɔtweaa sɛee wɔn bobe na ɔde nsukyeneeɛ sɛee wɔn ankye nnua.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.