Nnwom 78:39
Psalms 78:39 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔkaee sɛ wɔyɛ ɔhonam ara kwa, mframa bi a ɛbɔ twam na ɛnsane nʼakyi.
Psalms 78:39 in English
Psalms 78:39 · Berean Standard Bible
He remembered that they were but flesh, a passing breeze that does not return.
Context
37wɔn akoma anni no nokorɛ,
na wɔanni nʼapam no so. 38Nanso na ɔyɛ ahummɔborɔ;
ɔde wɔn amumuyɛ kyɛɛ wɔn
a wansɛe wɔn.
Mpɛn bebree ɔtwentwɛnee nʼabufuo so
na wanhwie nʼabufuhyeɛ nyinaa. 39Ɔkaee sɛ wɔyɛ ɔhonam ara kwa,
mframa bi a ɛbɔ twam na ɛnsane nʼakyi. 40Mpɛn ahe na wɔansɔre antia no wɔ ɛserɛ no so hɔ,
na mpɛn ahe na wɔamma ne werɛ anho wɔ asase wesee no so? 41Wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ ɛberɛ biara;
na wɔyii Israel Ɔkronkronni no abufuo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.