Native Bible

Psalms 78:36 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso, wɔde wɔn ano bɛdaadaa no, na wɔde wɔn tɛkrɛma twaa atorɔ kyerɛɛ no;

Psalms 78:36 in English

Psalms 78:36 · Berean Standard Bible

But they deceived Him with their mouths, and lied to Him with their tongues.

Context

34Ɛberɛ biara a Onyankopɔn bɛkum wɔn no, wɔhwehwɛɛ no, na wɔpere wɔn ho sane baa ne nkyɛn. 35Wɔkaee sɛ Onyankopɔn yɛ wɔn botan, sɛ Ɔsorosoro Onyankopɔn no yɛ wɔn Gyefoɔ. 36Nanso, wɔde wɔn ano bɛdaadaa no, na wɔde wɔn tɛkrɛma twaa atorɔ kyerɛɛ no; 37wɔn akoma anni no nokorɛ, na wɔanni nʼapam no so. 38Nanso na ɔyɛ ahummɔborɔ; ɔde wɔn amumuyɛ kyɛɛ wɔn a wansɛe wɔn. Mpɛn bebree ɔtwentwɛnee nʼabufuo so na wanhwie nʼabufuhyeɛ nyinaa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.