Nnwom 78:17
Psalms 78:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa no, wɔsɔre tiaa Ɔsorosoroni no wɔ ɛserɛ no so.
Psalms 78:17 in English
Psalms 78:17 · Berean Standard Bible
But they continued to sin against Him, rebelling in the desert against the Most High.
Context
15Ɔpaee ɔbotan mu wɔ ɛserɛ so,
na ɔmaa wɔn nsuo a ɛdɔɔso sɛ ɛpo; 16Ɔmaa asutire firii abotan mu
na ɔmaa nsuo tenee sɛ nsubɔntene. 17Nanso, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa no,
wɔsɔre tiaa Ɔsorosoroni no wɔ ɛserɛ no so. 18Wɔboapa sɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ;
wɔbisaa aduane a wɔpɛ. 19Wɔkasa tiaa Onyankopɔn sɛ,
“Onyankopɔn bɛtumi ato ɛpono wɔ ɛserɛ so anaa?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.