Native Bible

Psalms 75:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ asase ne ɛso nnipa nyinaa woso a, me na mema nʼafadum gyina hɔ pintinn.

Psalms 75:3 in English

Psalms 75:3 · Berean Standard Bible

When the earth and all its dwellers quake, it is I who bear up its pillars. Selah

Context

1Ao Onyankopɔn, yɛda wo ase, yɛda wo ase, ɛfiri sɛ wo Din abɛn; nnipa ka wʼanwanwadeɛ kyerɛ. 2Woka sɛ, “Me na mehyɛɛ ɛberɛ a ɛsɛ no; ɛyɛ me na mebu atɛntenenee. 3Sɛ asase ne ɛso nnipa nyinaa woso a, me na mema nʼafadum gyina hɔ pintinn. 4Meka kyerɛ ahantanfoɔ sɛ, ‘Monnhoahoa mo ho bio,’ na meka kyerɛ amumuyɛfoɔ nso sɛ, ‘Mommma mo mmɛn so. 5Mommma mo mmɛn so ntia ɔsoro; mommfa animtiabuo nkasa.’ ”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.