Native Bible

Psalms 73:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wode wʼafotuo kyerɛ me ɛkwan; na akyire no, wode me bɛkɔ animuonyam mu.

Psalms 73:24 in English

Psalms 73:24 · Berean Standard Bible

You guide me with Your counsel, and later receive me in glory.

Context

22meyɛɛ sɛ obi a ɔnnim hwee na ɔnni adwene; meyɛɛ sɛ aboa gyimifoɔ wɔ wʼanim. 23Nanso, na mene wowɔ hɔ ɛberɛ biara; na wode wo nsa nifa asɔ me mu. 24Wode wʼafotuo kyerɛ me ɛkwan; na akyire no, wode me bɛkɔ animuonyam mu. 25Hwan na mewɔ wɔ soro ka wo ho? Na biribiara nni asase so a mepɛ ka wo ho. 26Me honam, ne mʼakoma bɛdi me hwammɔ, nanso Onyankopɔn ne mʼakoma ahoɔden ne me kyɛfa daa nyinaa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.