Nnwom 73:15
Psalms 73:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ mekaa sɛ, “Mɛkasa saa” a, anka medii wo mma no hwammɔ.
Psalms 73:15 in English
Psalms 73:15 · Berean Standard Bible
If I had said, “I will speak this way,” then I would have betrayed Your children.
Context
13Ampa ara, mʼakoma a ɛho teɛ no, mannya hwee amfiri mu;
me nsa a ɛnni fɔ no ayɛ kwa. 14Ɛda mu nyinaa mehunu amane;
anɔpa biara wɔtwe mʼaso. 15Sɛ mekaa sɛ, “Mɛkasa saa” a,
anka medii wo mma no hwammɔ. 16Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛte yeinom nyinaa ase,
nanso na ɛhyɛ me so 17kɔsii sɛ mekɔɔ Onyankopɔn kronkronbea hɔ;
ɛhɔ na metee deɛ ɛbɛba wɔn so awieeɛ no ase.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.