Nnwom 73:12
Psalms 73:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sei na amumuyɛfoɔ no teɛ, hwee mfa wɔn ho, na wɔkɔ so pɛ ahonyadeɛ.
Psalms 73:12 in English
Psalms 73:12 · Berean Standard Bible
Behold, these are the wicked— always carefree as they increase their wealth.
Context
10Ɛno enti wɔn nkurɔfoɔ kɔ wɔn nkyɛn
na wonya nsuo bebree nom. 11Wɔbisa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn ahunu?
Na Ɔsorosoroni no wɔ nhunumu anaa?” 12Sei na amumuyɛfoɔ no teɛ,
hwee mfa wɔn ho, na wɔkɔ so pɛ ahonyadeɛ. 13Ampa ara, mʼakoma a ɛho teɛ no, mannya hwee amfiri mu;
me nsa a ɛnni fɔ no ayɛ kwa. 14Ɛda mu nyinaa mehunu amane;
anɔpa biara wɔtwe mʼaso.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.