Native Bible

Psalms 69:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mewɔ ɔyea ne ahohiahia mu; Ao Onyankopɔn, ma wo nkwagyeɛ no mmɔ me ho ban.

Psalms 69:29 in English

Psalms 69:29 · Berean Standard Bible

But I am in pain and distress; let Your salvation protect me, O God.

Context

27Fa amumuyɛ mu amumuyɛ ho soboɔ bɔ wɔn; mma wɔnnya wo nkwagyeɛ mu kyɛfa. 28Pepa wɔn din firi nkwa nwoma no mu, mfa wɔn din nka ateneneefoɔ deɛ ho. 29Mewɔ ɔyea ne ahohiahia mu; Ao Onyankopɔn, ma wo nkwagyeɛ no mmɔ me ho ban. 30Mede dwomtoɔ bɛyi Onyankopɔn din ayɛ na mede aseda ahyɛ no animuonyam. 31Yei bɛsɔ Awurade ani yie asene nantwie, asene nantwinini a ɔtua mmɛn na ɔwɔ tɔte.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.