Native Bible

Psalms 69:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ao Awurade, gye me so firi wʼadɔeɛ a ɛyɛ no mu; wʼadom enti, dane bɛhwɛ me.

Psalms 69:16 in English

Psalms 69:16 · Berean Standard Bible

Answer me, O LORD, for Your loving devotion is good; turn to me in keeping with Your great compassion.

Context

14Yi me firi atɛkyɛ no mu, mma memmem wɔ mu; gye me firi wɔn a wɔtane me no nsam, ne nsu bunu mu. 15Mma nsuo nnyiri mfa me anaa ebunu mmene me anaa amena nkata me so. 16Ao Awurade, gye me so firi wʼadɔeɛ a ɛyɛ no mu; wʼadom enti, dane bɛhwɛ me. 17Mfa wʼanim nhinta wo ɔsomfoɔ; gye me so ntɛm, na mewɔ ɔhaw mu. 18Twi bɛn me na gye me; gye me nkwa, mʼatamfoɔ enti.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.