Nnwom 68:29
Psalms 68:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wʼasɔredan a ɛwɔ Yerusalem enti ahemfo de ayɛyɛdeɛ bɛbrɛ wo.
Psalms 68:29 in English
Psalms 68:29 · Berean Standard Bible
Because of Your temple at Jerusalem kings will bring You gifts.
Context
27Abusuakuo ketewa Benyamin na ɔdi wɔn ɛkan,
Yuda mmapɔmma kuo kɛseɛ no di so,
na Sebulon ne Naftali mmapɔmma aba. 28Kyerɛ wo tumi, Onyankopɔn;
da wʼahoɔden adi kyerɛ yɛn, sɛdeɛ woayɛ pɛn no. 29Wʼasɔredan a ɛwɔ Yerusalem enti
ahemfo de ayɛyɛdeɛ bɛbrɛ wo. 30Ka aboa a ɔhyɛ demmire mu no anim,
ne anantwinini kuo a wɔhyɛ amanaman no anantwie mma mu no.
Brɛ wɔn ase kɔsi sɛ wɔde dwetɛ mpɔ bɛba.
Bɔ wɔn a wɔn ani gye ɔko ho no pansam. 31Ananmusifoɔ bɛfiri Misraim aba,
na Kus de ne ho bɛma Onyankopɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.