Nnwom 66:6
Psalms 66:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔmaa ɛpo yɛɛ asase kesee; wɔnante twaa asuo no. Mommra na yɛnni ahurisie wɔ ne mu.
Psalms 66:6 in English
Psalms 66:6 · Berean Standard Bible
He turned the sea into dry land; they passed through the waters on foot; there we rejoiced in Him.
Context
4Asase nyinaa koto wo;
wɔto ayɛyi dwom ma wo,
wɔto dwom kamfo wo din.” 5Mommra mmɛhwɛ deɛ Onyankopɔn ayɛ;
anwanwadeɛ a wayɛ wɔ nnipa mu. 6Ɔmaa ɛpo yɛɛ asase kesee;
wɔnante twaa asuo no.
Mommra na yɛnni ahurisie wɔ ne mu. 7Ɔde ne tumi di ɔhene daa daa,
na ɔde nʼani nso hwɛ aman so.
Mma atuatefoɔ nsɔre ntia no. 8Ao aman nyinaa, monhyira yɛn Onyankopɔn,
momma wɔnte mo nkamfo no nnyegyeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.