Native Bible

Psalms 63:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Esiane sɛ, wʼadɔeɛ di mu sene nkwa enti mʼano fafa bɛhyɛ wo animuonyam.

Psalms 63:3 in English

Psalms 63:3 · Berean Standard Bible

Because Your loving devotion is better than life, my lips will glorify You.

Context

1Ao, Onyankopɔn, wone me Onyankopɔn Mehwehwɛ wo anibereɛ so; wo ho sukɔm de me kra, me onipadua ani agyina wo, wɔ asase a awo na ɛserɛ nni so, baabi a nsuo nnie. 2Mahunu wo wɔ Kronkronbea hɔ mahunu wo tumi ne wʼanimuonyam. 3Esiane sɛ, wʼadɔeɛ di mu sene nkwa enti mʼano fafa bɛhyɛ wo animuonyam. 4Sɛ mete ase yi, mɛkamfo wo, na wo din mu na mɛpagya me nsa. 5Me ɔkra bɛmee sɛdeɛ wadi aduane papa bi; mede anofafa a ɛto dwom bɛyi wo ayɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.