Nnwom 61:3
Psalms 61:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Woayɛ me dwanekɔbea, aban a ɛyɛ den ma ɔtamfoɔ no.
Psalms 61:3 in English
Psalms 61:3 · Berean Standard Bible
For You have been my refuge, a tower of strength against the enemy.
Context
1Ao Onyankopɔn, tie me sufrɛ;
tie me mpaeɛbɔ. 2Mefiri asase ano frɛ wo,
mefrɛ wo ɛfiri sɛ mʼakoma atɔ baha;
fa me kɔ ɔbotan a ɛware sene me no so. 3Woayɛ me dwanekɔbea,
aban a ɛyɛ den ma ɔtamfoɔ no. 4Me kɔn dɔ sɛ metena wo ntomadan no mu afebɔɔ
na manya hintabea wɔ wo ntaban nwunu ase. 5Woate me bɔhyɛ, Ao Onyankopɔn;
na wode wɔn a wɔsuro wo din no agyapadeɛ ama me.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.