Nnwom 58:6
Psalms 58:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao Onyankopɔn, bubu ɛse a ɛgu wɔn anom, Ao Awurade, tutu agyata no sebɔmmɔfoɔ no gu!
Psalms 58:6 in English
Psalms 58:6 · Berean Standard Bible
O God, shatter their teeth in their mouths; O LORD, tear out the fangs of the lions.
Context
4Wɔn ano ɛborɔ te sɛ ɔwɔ deɛ.
Ɛte sɛ ɔprammire a watɛn nʼaso, 5a ɔnte ntafowayifoɔ dwom,
na ne dwom dɛɛdɛ no mpo mfa ne ho. 6Ao Onyankopɔn, bubu ɛse a ɛgu wɔn anom,
Ao Awurade, tutu agyata no sebɔmmɔfoɔ no gu! 7Ma wɔntwa mu nkɔ sɛ nsunsuan;
sɛ wɔtwe wɔn agyan a, ma wɔn bɛmma no ano nwu. 8Ma wɔnyɛ sɛ nwa pɛkyɛpɛkyɛ bi a ɔretene kɔ.
Ma wɔnyɛ sɛ ɔba a ɔwu wɔ awoeɛ na ɔnhunu owia.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.