Nnwom 55:22
Psalms 55:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Fa wo haw to Awurade so na ɔno na ɔbɛgye wo; ɔremma ɔteneneeni nhwe ase.
Psalms 55:22 in English
Psalms 55:22 · Berean Standard Bible
Cast your burden upon the LORD and He will sustain you; He will never let the righteous be shaken.
Context
20Me yɔnko to hyɛ ne nnamfonom so;
na ɔbu nʼapam so. 21Ɔwɔ tɛkrɛmawoɔ,
nanso ɔtan wɔ nʼakomam.
Nʼano asɛm dwodwo sene ngo,
nanso ɛyɛ akofena a wɔatwe. 22Fa wo haw to Awurade so
na ɔno na ɔbɛgye wo;
ɔremma ɔteneneeni nhwe ase. 23Nanso, wo, Ao Onyankopɔn, wobɛbrɛ amumuyɛfoɔ ase
ama wɔakɔ porɔeɛ amena mu;
mogyapɛfoɔ ne adaadaafoɔ
renni wɔn nkwanna mu fa.
Me deɛ, mede me ho to wo so.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Aburuburo a ɔsi Akyirikyiri Odum so.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.