Nnwom 55:11
Psalms 55:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Adesɛefoɔ dɔm reyɛ adwuma kuropɔn no mu. Ahunahuna ne nnaadaa wɔ ne mmɔntene so daa.
Psalms 55:11 in English
Psalms 55:11 · Berean Standard Bible
Destruction is within; oppression and deceit never leave the streets.
Context
9Ao Awurade, ma amumuyɛfoɔ nyɛ basaa, na ma wɔn kasa ntoto,
ɛfiri sɛ mɛhunu basabasayɛ ne apereapereɛ wɔ kuropɔn no mu. 10Awia ne anadwo wɔtetɛ nʼafasuo ho;
adwemmɔne ne nsisie wɔ mu. 11Adesɛefoɔ dɔm reyɛ adwuma kuropɔn no mu.
Ahunahuna ne nnaadaa wɔ ne mmɔntene so daa. 12Sɛ ɛyɛɛ ɔtamfoɔ na ɔresopa me a,
anka mɛtumi agyina ano;
sɛ ɛyɛɛ ɔtamfoɔ na ɔrema ne ho so atia me a,
anka mɛtumi de me ho ahinta no. 13Nanso, ɛyɛ wo, ɔdasani te sɛ me,
me yɔnko pa ne me mʼadamfo brɛboɔ,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.