Nnwom 50:13
Psalms 50:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mewe anantwinini nam, na menom mpapo mogya anaa?
Psalms 50:13 in English
Psalms 50:13 · Berean Standard Bible
Do I eat the flesh of bulls, or drink the blood of goats?
Context
11Menim anomaa biara a ɔwɔ mmepɔ no so,
na wiram abɔdeɛ nyinaa yɛ me dea. 12Sɛ ɛkɔm dee me a, anka merenka nkyerɛ mo;
ɛfiri sɛ, ewiase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa yɛ me dea. 13Mewe anantwinini nam,
na menom mpapo mogya anaa? 14Momfa aseda afɔdeɛ mma Onyankopɔn,
na monni bɔhyɛ a mohyɛɛ Ɔsorosoroni no so, 15na momfrɛ me da hiada;
na mɛgye mo na moahyɛ me animuonyam.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.