Nnwom 49:16
Psalms 49:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ onipa nya ne ho a, mma ɛnha wo; na sɛ ne fie anigyeɛ yɛ bebree a, mma no nha wo;
Psalms 49:16 in English
Psalms 49:16 · Berean Standard Bible
Do not be amazed when a man grows rich, when the splendor of his house increases.
Context
14Wɔte sɛ nnwan na wɔbɛkɔ damena mu,
na owuo de wɔn bɛyɛ nʼaduane.
Teneneefoɔ bɛdi wɔn so anɔpa;
wɔn onipadua bɛporɔ wɔ damena mu,
na wɔne wɔn adan akɛseɛ no ntam kwan bɛware. 15Nanso, Onyankopɔn de ne tumi bɛgye me afiri damena mu;
ampa ara, ɔde me bɛkɔ ne nkyɛn. 16Sɛ onipa nya ne ho a, mma ɛnha wo;
na sɛ ne fie anigyeɛ yɛ bebree a, mma no nha wo; 17ɛfiri sɛ, sɛ ɔwu a, ɔremfa hwee nkɔ,
nʼanimuonyam ne no renkɔ amena mu. 18Mpo ɔte ase no, ɔfaa no sɛ wɔahyira no,
ɛfiri sɛ wɔkamfo nnipa ɛberɛ a wɔdi yie,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.