Nnwom 48:8
Psalms 48:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛdeɛ yɛate no, saa ara na yɛahunu wɔ Otumfoɔ Awurade kuropɔn no mu, yɛn Onyankopɔn kuropɔn mu; Onyankopɔn ma ɛtim hɔ afebɔɔ.
Psalms 48:8 in English
Psalms 48:8 · Berean Standard Bible
As we have heard, so we have seen in the city of the LORD of Hosts, in the city of our God: God will establish her forever. Selah
Context
6Nketenkete kyeree wɔn wɔ hɔ,
ɔyea a ɛte sɛ ɔbaa a awoɔ aka no. 7Wosɛee wɔn sɛ Tarsis ahyɛn a
apueeɛ mframa abɔ adwira wɔn. 8Sɛdeɛ yɛate no,
saa ara na yɛahunu
wɔ Otumfoɔ Awurade kuropɔn no mu,
yɛn Onyankopɔn kuropɔn mu;
Onyankopɔn ma ɛtim hɔ afebɔɔ. 9Wʼasɔredan no mu, Ao Onyankopɔn,
na yɛdwene wo dɔ a ɛnsa da no ho, 10Ao Onyankopɔn, wʼayɛyie duru asase ano
te sɛ wo din;
tenenee ayɛ wo nsa nifa mu ma.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.