Nnwom 48:3
Psalms 48:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Onyankopɔn te nʼabankɛsewa mu. Wada ne ho adi sɛ ɔyɛ nʼaban.
Psalms 48:3 in English
Psalms 48:3 · Berean Standard Bible
God is in her citadels; He has shown Himself to be a fortress.
Context
1Awurade yɛ kɛseɛ na ɔsɛ nkamfo
wɔ yɛn Onyankopɔn kuropɔn mu, ne bepɔ kronkron so. 2Kuropɔn no ɔsorokɔ yɛ fɛ,
ɛyɛ ewiase nyinaa anigyedeɛ.
Bepɔ Sion te sɛ Safon sorɔnsorɔmmea,
Ɔhene Kɛseɛ no kuropɔn. 3Onyankopɔn te nʼabankɛsewa mu.
Wada ne ho adi sɛ ɔyɛ nʼaban. 4Ɛberɛ a ahemfo yi boaa wɔn ho ano,
na wɔtuu ɔsa bɔɔ mu no, 5wɔhunuu no ma ɛyɛɛ wɔn ahodwirie,
na wɔde ehu dwaneeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.