Nnwom 46:3
Psalms 46:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
sɛ ɛpo bɔ asorɔkye na ɛhuru na ɛma nkokoɔ woso mpo a, yɛrensuro.
Psalms 46:3 in English
Psalms 46:3 · Berean Standard Bible
though their waters roar and foam and the mountains quake in the surge. Selah
Context
1Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔbea ne yɛn ahoɔden,
amanehunu mu ɔboafoɔ a ɔwɔ hɔ ɛberɛ biara. 2Enti sɛ asase ani dane butu
na mmepɔ tutu kɔgu ɛpo ase a, yɛrensuro, 3sɛ ɛpo bɔ asorɔkye na ɛhuru
na ɛma nkokoɔ woso mpo a, yɛrensuro. 4Asutene bi wɔ hɔ a
ne nsuwansuwa de anigyeɛ ba Onyankopɔn kuropɔn mu,
beaeɛ kronkron a Ɔsorosoroni no teɛ. 5Onyankopɔn te kuropɔn no mu, na ɔrenhwe ase;
Onyankopɔn bɛboa no anɔpahema.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.