Nnwom 44:9
Psalms 44:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso seesei woapo yɛn abrɛ yɛn ase; wone yɛn asraafoɔ nnkɔ ɔsa bio.
Psalms 44:9 in English
Psalms 44:9 · Berean Standard Bible
But You have rejected and humbled us; You no longer go forth with our armies.
Context
7na wo na woma yɛdi yɛn atamfoɔ so.
Wogu wɔn a wɔtane yɛn anim ase. 8Onyankopɔn mu na yɛhoahoa yɛn ho da mu nyinaa
na yɛbɛkamfo wo din no daa daa. 9Nanso seesei woapo yɛn abrɛ yɛn ase;
wone yɛn asraafoɔ nnkɔ ɔsa bio. 10Woma yɛdwane firii ɛdɔm anim
ma yɛn atamfoɔ fom yɛn agyapadeɛ. 11Woyii yɛn maa sɛ wɔnkum yɛn sɛ nnwan
na woahwete yɛn wɔ amanaman no mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.