Nnwom 42:2
Psalms 42:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Onyankopɔn ho sukɔm de me kra, Onyankopɔn teasefoɔ no. Da bɛn na mɛtumi akɔhyia Onyankopɔn?
Psalms 42:2 in English
Psalms 42:2 · Berean Standard Bible
My soul thirsts for God, the living God. When shall I come and appear in God’s presence?*
Context
1Sɛdeɛ ɔforoteɛ pere hwehwɛ nsuwansuwa no,
saa ara na me kra pere hwehwɛ wo, Ao Onyankopɔn. 2Onyankopɔn ho sukɔm de me kra, Onyankopɔn teasefoɔ no.
Da bɛn na mɛtumi akɔhyia Onyankopɔn? 3Me nisuo ayɛ mʼaduane
awia ne anadwo,
na da mu nyinaa nnipa bisa me sɛ:
“Wo Onyankopɔn wɔ he?” 4Saa nneɛma yi na mekae
ɛberɛ a mereka mʼakoma mu nsɛm;
sɛdeɛ na medi asafokuo anim,
na yɛde anigyeɛ nteateam ne aseda nnwom
nante yuu bom kɔ Onyankopɔn fie
wɔ afahyɛ da.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.